1 Corinthians 1

Nkyia

1Saa krataa yi fi me, Paulo, a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, wɔafrɛ me sɛ menyɛ Kristo Yesu somafo no ne onua Sostene nkyɛn.

2Yɛde rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto no ne wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn akyidifo kronkron no ne wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ yɛn Awurade Yesu din sɛ ɔyɛ wɔn ne yɛn Awurade no.

3Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.

Aseda

4Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no nti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo. 5Ɛnam no so ama moayɛ ma biribiara mu, ɔkasa ne adwene mu. 6Kristo ho asɛm atim wɔ mo mu, 7ɛno nti, esiane sɛ moretwɛn ama wɔada yɛn Awurade Yesu Kristo adi no nti, nhyira biara, munya bi. 8Ɔbɛhyɛ mo den akosi awiei sɛnea ɛbɛyɛ a da a Awurade bɛba no, wɔrennya mo ho mfomso biara. 9Onyankopɔn a wafrɛ mo ne ne Ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafo.

Asafo no mpaepaemu

10Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo tumi so mitu mo fo sɛ, asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaepae. Munso adwene ne botae baako mu na ama moayɛ baako. 11Anuanom, nnipa bi a wofi Kloe fi apae mu aka akyerɛ me se, akasakasa wɔ mo asafo yi mu. 12Asɛm a mepɛ sɛ meka ne sɛ, wɔn mu biara ka asɛm a ɔpɛ. Oyi ka se, “Mewɔ Paulo afa” a, ɔfoforo se, “Mewɔ Apolo afa.” Obi sɔre na ose, “Mewɔ Petro afa” a, ɔbaako nso se, “Mewɔ Kristo afa.” 13Wɔakyekyɛ Kristo mu akuwakuw! Paulo na owui wɔ asɛnnua no so maa mo anaa? Wɔbɔɔ mo asu sɛ Paulo asuafo anaa?

14Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu ka Krispo ne Gaio ho. 15Obiara rentumi nka se wɔbɔɔ mo asu sɛ mʼasuafo. 16Mekae sɛ mebɔɔ Stefana ne ne fifo asu. Na menkae sɛ mebɔɔ obi foforo asu bio. 17Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu na mmom ɔsomaa me sɛ memmɛka Asɛmpa a emfi nnipa nyansa mu na obi antumi annyina so amma Kristo wu a owuu asɛnnua no so no mu tumi anyɛ ohunu.

Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn tumi

18Asɛnka a ɛkyerɛ Kristo asɛnnuambɔ no yɛ nsɛm a aba nni mu ma wɔn a wɔreyera. Nanso yɛn a wɔregye yɛn nkwa no de, ɛyɛ Onyankopɔn tumi. 19Kyerɛwsɛm no ka se, “Mɛsɛe anyansafo nyansa, na mɛma nimdefo adenim ayɛ ɔkwa.”

20Enti onyansafo wɔ he? Onimdefo nso wɔ he? Wiase yi mu akyinnegyefo wɔ he? Onyankopɔn akyerɛ sɛ wiase yi mu nyansa yɛ ohunu.

21Enti Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ sɛ, nnipa a wɔpɛ sɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hu no no, renhu no da. Na mmom Onyankopɔn yɛɛ nʼadwene sɛ wɔn a wogye asɛm a “aba nni mu” a yɛka no di no, obegye wɔn nkwa. 22Yudafo hwehwɛ sɛ wohu nsɛnkyerɛnne, ɛnna Helafo nso hwehwɛ nyansa. 23Nanso yɛn de, yɛka Kristo wu a owui wɔ asɛnnua no so no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ Yudafo abufuw ɛnna ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma Amanamanmufo; 24nanso Yudafo ne Amanamanmufo a Onyankopɔn afrɛ wɔn no saa asɛm yi yɛ Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn tumi ne ne nyansa no. 25Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ sɛ aba nni mu no, aba wɔ mu sen nnipa nyansa, na saa ara nso na nea ɛyɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn fam no yɛ den sen nnipa ahoɔden.

26Afei, anuanom, monkae bere a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Na mo mu bi yɛ anyansafo a wɔwɔ tumi a nnipa fam no nso na wɔn dibea kɔ soro. 27Nanso Onyankopɔn faa wiase yi mu nsɛm a aba nni mu no nam so guu anyansafo anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛw wɔ wiase, nam so de guu ahoɔden anim ase. 28Ɔfaa nea wiase mmu na wɔmfa nyɛ hwee no de sɛee nea wiase susuw sɛ ɛho hia no. 29Eyi kyerɛ sɛ obi ntumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim.

30Nanso Onyankopɔn aka mo abata Kristo Yesu ho na Onyankopɔn ama Kristo ayɛ yɛn nyansa; ɛnam no so ma yɛateɛ wɔ Onyankopɔn anim. Yɛyɛ Onyankopɔn ahotefo a wama yɛade yɛn ho. 31Enti sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho wɔ nea Awurade ayɛ mu.”

Copyright information for TwiNAK